Acts 19

Honhom Kronkron ba gyidifo bi so

1Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu gyidifo bi 2bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, Honhom Kronkron baa mo so anaa?” Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”

3Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛnne na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”

4Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”

5Wɔtee saa asɛm yi no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6Bere a Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm. 7Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien.

8Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosom abiɛsa pɛe sɛ ɔsakra nnipa no adwene. 9Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa Asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de gyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa. 10Saa kyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu, a Yudafo ne Helafo ka ho, no tee Awurade asɛm no.

Skewa mma baason no

11Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse, 12maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛwanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahohommɔne nso.

13Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahohommɔne pɛe sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahohommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahohommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no se, muntu mfi ne mu!” 14Yudafo sɔfo panyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi. 15Hohommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mone hefo?” 16Afei ɔbarima a hohommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ.

17Yudafo ne Amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ. 18Gyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm. 19Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma bae ma wɔhyewee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyewee no bo no na ɛyɛ sika bebree. 20Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛwee tumi so.

Basabasa a esii Efeso

21Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri yi mɛkɔ Roma nso.” 22Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛe kakra.

23Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso. 24Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam. 25Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma horow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so. 26Mo ara moahu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. 27Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”

28Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuwii, fitii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛm se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

29Basabasayɛ no trɛwee wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔe. 30Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔ aguabɔe hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan. 31Ɔmantam no mu mpanyin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ aguabɔe hɔ.

32Nhyiam yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛm kaa nsɛm bi, na ebinom nso teɛɛm kaa nsɛm foforo bi, efisɛ, na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu.

33Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuwii sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛe sɛ ɔkasa, yi ɔne ne nkurɔfo ano. 34Dɔm no hui sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteɛteɛɛm nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”

35Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefi ne ohoni a efi soro bedurui no so. 36Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. 37Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn asɔrefi, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no. 38Sɛ Demetrio ne adwimfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, nna bi wɔ hɔ a mpanyin hyia di asɛm, wɔmfa mmɛto gua. 39Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm. 40Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.”

41Ɔkasa wiei no, otuu gua no.

Copyright information for TwiNAK